W'asafo ti, ne wo yen Yesu | Presbyterian Hymn 420
Автор: Hymns & Choral Music Hub
Загружено: 2025-09-05
Просмотров: 84
W'asafo ti, ne wo yen Yesu - Presbyterian Hymn 420
420
W'asafo ti ne wo, yɛn Yesu,
yɛyɛ wo mma, na begye yɛn
Oguanhwɛfo, yɛn ho hia wo,
yɛyɛ wo nguan, na bɛhwɛ yɛn
Yɛn bͻne nti anka yɛnsɛ sɛ
yɛba wo nkyɛn begye w'adͻe;
nanso wo mmͻb'rͻhunu dͻͻso,
na woremma obi nsɛe da.
Yɛn Nyame pa, behu yɛn mmͻbͻ,
na fa wo denhyɛ hyira yɛn
Na nnɛ yɛn nso, yɛhyɛ, wo bͻ sɛ,
yɛbɛsom wo atena wo nkyɛn.
Ma gyidi pa, ͻdͻ ne nyansa;
ma yɛn ani nna wo so daa
Ma yɛmmͻ wo som ho mmͻden pa,
na yɛmfa soro kwan so daa
Ma yɛn nyinaa mmra wo daa homem,
sɛ w'ahennim ahotefo,
na da bi yennyina wo nifa,
na yɛntena w'anu'nyam nom hͻ
W'asafo ti ne wo, yɛn Yesu,
yɛyɛ wo mma, na begye yɛn
Oguanhwɛfo, yɛn ho hia wo,
yɛyɛ wo nguan, na bɛhwɛ yɛn
#choir #phb #music #prayer #mhb #praiseandworship #gospelmusic #trending #jesus #trendingsong #trendingvideo
Доступные форматы для скачивания:
Скачать видео mp4
-
Информация по загрузке: